Yesaia
32 Hwɛ, ɔhene+ bi bedi ade trenee mu,+ na abirɛmpɔn+ nso bedi tumi atɛntrenee mu. 2 Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne ahum+ ano guankɔbea, asase kesee so nsuten+ ne asase wosee so botan kɛse onwini.+
3 Wɔrenka adehufo ani mfomfam so, na wɔn a wɔte asɛm no bɛwɛn wɔn aso.+ 4 Wɔn a wɔn ho pere wɔn no koma bɛhwehwɛ nimdeɛ,+ na wɔn a wɔpo dodow no tɛkrɛma bɛkasa yɔɔ ma emu ada hɔ.+ 5 Wɔremfrɛ ogyimfo sɛ ɔdɛɛfo bio, na nea ɔnka mmara no, wɔrenka sɛ ɔyɛ otitiriw.+ 6 Na ogyimfo de n’ano bɛka agyimisɛm+ na ɔde ne koma asusuw bɔne+ sɛ ɔbɛtew atua*+ na waka nsɛmmɔne atia Yehowa, sɛ ɔbɛma ɔkra a ɔkɔm de no yafunu ada mpan+ na wama nsu abɔ nea osukɔm de no. 7 Na obi a ɔnka mmara de, n’adwinnade nyinaa yɛ bɔne,+ na n’afotu kɔ ɔbrasɛe mu,+ na ɔde atosɛm sɛe abrɛfo,+ bere a ohiani ka nokware mpo.
8 Na ɔyamyefo de, n’afotu kɔ ayamye so, na ayamye mu ara na obegyina.+
9 “Mmea a mo ho atɔ mo, monsɔre ntie me!+ Mmabea a hwee mfa mo ho, monyɛ aso mma m’asɛm! 10 Akyɛ koraa afe ne nna kakra mu no, mo a hwee mfa mo ho no yam bɛhyehye mo,+ efisɛ bobe tetew bɛba awiei, nanso wɔremmoa hwee ano.+ 11 Mmea a mo ho atɔ mo, mo yam nhyehye mo! Mo a hwee mfa mo ho, ehu nka mo! Munyi mo ntade nna adagyaw, na momfa atweaatam nsi mo asen.+ 12 Momfa mo nsa mmɔ mo koko ntwa adwo,+ mo mfuw fɛfɛ+ ne mo bobe a ɛsow aba nti. 13 Nsɔe ne nkyɛkyerɛ nko na afuw me manfo asase so,+ na afa anigye afie ne ahurusi kurow nyinaa.+ 14 Wɔagyaw abankɛse ato hɔ,+ na kurow no mu dede ayera. Ofel+ ne ɔwɛn aban bɛdan sare, na ɛbɛyɛ sare so mfurum agodibea daa ne nguan adidibea, 15 kosi sɛ wobehwie honhom afi soro+ agu yɛn so na sare adan turo na wɔabu turo no sɛ kwae.+
16 “Na atɛntrenee bɛtena sare so na trenee atena turo mu.+ 17 Trenee nnwuma bɛyɛ asomdwoe,+ na nokware trenee aba bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akosi daa.+ 18 Na me manfo bɛtena asomdwoe tenabea, ahotɔ fie, ne kommyɛ ahomegyebea.+ 19 Na bere a kwae bɛhwe fam no, amparuwbo bɛtɔ,+ na wɔbɛbrɛ kurow no ase korakora.+
20 “Anigye ne mo a mugu aba wɔ asu nyinaa ho,+ na mugyae nantwi ne afurum ma wɔnantenantew.”+