Yesaia 35:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɛbere no mu na apakye behuruw sɛ ɔforote+ na mum tɛkrɛma de anigye abɔ ose.+ Nsu betue sare so na nsubɔnten asen asase pradada so. Luka 21:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 na mɛma mo ano ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa ntumi nnyina ano anaa wɔmmɔ ngu.+ Asomafo Nnwuma 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Afei bere a wohuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoduru so, na wohui sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa+ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Na wofii ase huu wɔn yiye sɛ na wɔka Yesu ho;+
6 Ɛbere no mu na apakye behuruw sɛ ɔforote+ na mum tɛkrɛma de anigye abɔ ose.+ Nsu betue sare so na nsubɔnten asen asase pradada so.
13 Afei bere a wohuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoduru so, na wohui sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa+ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Na wofii ase huu wɔn yiye sɛ na wɔka Yesu ho;+