2 Samuel 17:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamansew,+ na ɔsɛn+ ne ho wui.+ Na wosiee+ no wɔ n’agyanom amusiei. Ester 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti wɔkɔsɛn Haman wɔ dua+ a ɔyɛ maa Mordekai+ no so na ɔhene no bo dwoe. Dwom 7:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wabɔ amoa, na watutu mu;+Nanso amoa a watu no, ɔno ara na ɔbɛhwe mu.+ Dwom 35:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ma ɔsɛe mmra wɔn so mpofirim,+Na ma afiri a wɔasum ahintawee mu no nyi wɔn ankasa;+Ma wɔnhwe mu,+ na wommubu pasapasa.
23 Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamansew,+ na ɔsɛn+ ne ho wui.+ Na wosiee+ no wɔ n’agyanom amusiei.
8 Ma ɔsɛe mmra wɔn so mpofirim,+Na ma afiri a wɔasum ahintawee mu no nyi wɔn ankasa;+Ma wɔnhwe mu,+ na wommubu pasapasa.