Hiob 27:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Sɛ ne mma dɔɔso mpo a, wɔwɔ hɔ ma nkrante;+Na n’asefo rennya aduan a ɛbɛso wɔn. Dwom 21:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wobɛsɛe wɔn mma afi asase so,+Na wobɛsɛe wɔn asefo afi nnipa mma mu.+ Mmebusɛm 2:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asase so;+ na nkontompofo nso, wobeyi wɔn afi so.+