2 Beresosɛm 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nanso meyi Yerusalem+ na me din atena hɔ, na mɛpaw Dawid ma wadi me man Israel so.’+ Dwom 48:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 48 Yehowa yɛ kɛse, na ɔfata ayeyi pii+Yɛn Nyankopɔn kurow mu,+ wɔ ne bepɔw kronkron no so.+ Yesaia 60:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 “Wɔn a wɔma wo ho hiahia wo no, wɔn mma de nkotodwe bɛba w’anim.+ Na wɔn a wobu wo animtiaa no bɛkotow wo nan ase,+ na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kurow, Israel Kronkronni no Sion.+
14 “Wɔn a wɔma wo ho hiahia wo no, wɔn mma de nkotodwe bɛba w’anim.+ Na wɔn a wobu wo animtiaa no bɛkotow wo nan ase,+ na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kurow, Israel Kronkronni no Sion.+