Genesis 1:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 1 Mfiase no+ Onyankopɔn+ bɔɔ+ ɔsoro ne asase.+ Dwom 19:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ;+Na wim kyerɛ ne nsa ano adwuma.+ Dwom 102:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Teteete na wotoo asase fapem,+Na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.+ Romafo 1:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na ne su horow a wonhu+ no ada adi pefee fi wiase bɔ so+, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu,+ ɛno ne ne daa tumi+ ne ne Nyamesu,+ enti wonni anoyi biara;+
20 Na ne su horow a wonhu+ no ada adi pefee fi wiase bɔ so+, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu,+ ɛno ne ne daa tumi+ ne ne Nyamesu,+ enti wonni anoyi biara;+