12 Afei nso, bere a Absalom bɔɔ afɔre no, ɔsoma kɔfrɛɛ Giloni+ Ahitofel,+ Dawid fotufo+ no, fii ne kurom Gilo+ bae. Atirisopam+ no mu kɔɔ so yɛɛ den, na nnipa a wɔbɛkaa Absalom ho no dɔɔso ara.+
23 Nna no mu no, na Ahitofel afotu te sɛ nea obi akɔ nokware Nyankopɔn nkyɛn akobisa biribi. Saa na na Ahitofel+ afotu+ nyinaa te ma Dawid ne Absalom nyinaa.