Leviticus 19:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “‘Nkyinkyin nsɛe wo yɔnko din.+ Na nhwehwɛ wo yɔnko mogya.+ Mene Yehowa. 2 Samuel 19:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Enti ɔbɛsɛee w’akoa din+ kyerɛɛ me wura. Nanso me wura ɔhene te sɛ nokware Nyankopɔn bɔfo,+ enti yɛ nea eye w’ani so. Dwom 15:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nkurɔfo din.+Ɔnyɛ ne yɔnko bɔne,+Na ne mfɛfo nso, ɔmmɔ wɔn ahohora.+ Mmebusɛm 20:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nea ɔnenam sɛe nkurɔfo din no yi atirimsɛm adi;+ na wo ne nea n’ano nna nnnya twaka biara.+ Yeremia 6:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Wɔn nyinaa aso yɛ den dodo;+ wɔnenam sɛe nkurɔfo din,+ wɔte sɛ kɔbere ne dade. Wɔn nyinaa asɛe.+ Hesekiel 22:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ntwirifo a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu ahyɛ wo mu mã,+ na wodi abosonnuan wɔ wo bepɔw so+ bɔ ahohwibra wɔ wo mfinimfini.+
27 Enti ɔbɛsɛee w’akoa din+ kyerɛɛ me wura. Nanso me wura ɔhene te sɛ nokware Nyankopɔn bɔfo,+ enti yɛ nea eye w’ani so.
9 Ntwirifo a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu ahyɛ wo mu mã,+ na wodi abosonnuan wɔ wo bepɔw so+ bɔ ahohwibra wɔ wo mfinimfini.+