1 Samuel 17:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Ɛnnɛ da yi, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mekum wo na matwa wo ti afi so, na mede Filistifo dɔm no afunu bɛma wim nnomaa ne asase so mmoa+ nnɛ, na asase so aman nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+ Dwom 9:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Yehowa nam atɛn a obu so ma wohu no.+Ɔdebɔneyɛfo nsa ano adwuma na esum no afiri.+Higayon. Sela. Dwom 83:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na nnipa nhu+ sɛ wo a wo din de Yehowa+ no,Wo nko ara ne Ɔsorosoroni,+ asase nyinaa so.+
46 Ɛnnɛ da yi, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mekum wo na matwa wo ti afi so, na mede Filistifo dɔm no afunu bɛma wim nnomaa ne asase so mmoa+ nnɛ, na asase so aman nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+