4 Na mɛma Farao koma apirim+ na obetiw wɔn, na mede Farao ne n’asraafodɔm bɛhyɛ me ho anuonyam+ na Egyptfo ahu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
10 Yɛate sɛnea mufi Egypt reba no Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no yowee wɔ mo anim,+ ne nea mode yɛɛ Amorifo ahene baanu, Sihon+ ne Og,+ a wɔwɔ Yordan agya no, sɛe a mosɛee wɔn no.+