61Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom wɔ me so,+ efisɛ Yehowa asra me+ sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo.+ Wasoma me sɛ memmɛkyekyere koma a abubu,+ na menka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum,+ na mimmue nneduafo aniwa.+
27 Ɛno mpo no, Herode ne Pontio Pilato+ ne amanaman mufo ne nkurɔfo a wofi Israel ka boom ankasa wɔ kurow yi mu ko tiaa w’akoa kronkron+ Yesu a wosraa no no,+