10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Ninkunu na matwe+ ama asafo Nyankopɔn Yehowa, efisɛ Israelfo agyaw w’apam,+ w’afɔremuka nso, wɔadwiriw agu,+ wɔde nkrante akunkum w’adiyifo,+ na me nko na maka;+ na wɔrehwehwɛ me kra ayi afi hɔ.”+
12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔpam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ ade nyinaa fii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa sikasesafo no apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkongua butubutuwii.+
15 Afei wɔbaa Yerusalem. Ɛnna ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na ofii ase pam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ ade no fii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa sikasesafo no apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkongua butubutuwii;+