5 Nkotow wɔn na nsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me de, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
11 “Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Finehas+ asianka m’abufuw+ afi Israelfo no so, efisɛ ɔtwee ninkunu maa me wɔ wɔn mu.+ Eyi amma m’ankasa mantwe ninkunu+ antɔre Israelfo no ase.