Dwom 7:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Hwɛ! Obi yem bɔne;+Wanyinsɛn ɔhaw, enti nkontompo na ɔbɛwo.+ Dwom 12:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Nkontomposɛm na wɔkeka kyerɛ wɔn ho;+Wɔde anodɛ+ keka nsɛm a efi koma ntanta+ mu. Dwom 55:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta,+Nanso ɔko wɔ ne komam.+ Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo,+Nanso ɛyɛ nkrante a wɔatwe.+ Mmebusɛm 10:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ɔtreneeni ano—ɛsow nyansa aba,+ na nkontompofo tɛkrɛma de, wobetwa.+ Mmebusɛm 17:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔdebɔneyɛfo tie amumɔyɛfo ano.+ Ɔtorofo yɛ asõ ma tɛkrɛma a ɛde amanehunu ba.+
21 N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta,+Nanso ɔko wɔ ne komam.+ Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo,+Nanso ɛyɛ nkrante a wɔatwe.+