Dwom 5:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nokware biara nni wɔn anom;+Bɔne nkutoo na ɛwɔ wɔn mu.+ Wɔn menewa yɛ ɔdamoa a ano da hɔ;+Wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.+ Dwom 28:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Mpra me mfra nnebɔneyɛfo ne amumɔyɛfo,+Wɔn a wɔne wɔn yɔnkonom ka asomdwoesɛm,+ nanso bɔne na ɛwɔ wɔn komam+ no. Dwom 62:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ampa ara wɔde afotu ma onipa de dɛfɛdɛfɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ne nidi bɛbɔ no;+Atoro na wɔn ani gye ho.+Wɔde wɔn ano hyira, na wɔn mu de, wɔdome.+ Sela. Yeremia 9:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Wɔn tɛkrɛma yɛ awudi agyan.+ Nnaadaasɛm na ɛka. Onipa de n’ano kasa asomdwoe so kyerɛ ne yɔnko, nanso ɔtetɛw no wɔ ne mu.”+ Romafo 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na nnipa a wɔte saa no nyɛ nkoa mma yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔyɛ nkoa ma wɔn ankasa yafunu;+ na wɔde tɛkrɛmadɛ+ ne adɔkɔdɔkɔsɛm+ daadaa wɔn a wɔn tirim fitaa no koma.
9 Nokware biara nni wɔn anom;+Bɔne nkutoo na ɛwɔ wɔn mu.+ Wɔn menewa yɛ ɔdamoa a ano da hɔ;+Wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.+
3 Mpra me mfra nnebɔneyɛfo ne amumɔyɛfo,+Wɔn a wɔne wɔn yɔnkonom ka asomdwoesɛm,+ nanso bɔne na ɛwɔ wɔn komam+ no.
4 Ampa ara wɔde afotu ma onipa de dɛfɛdɛfɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ne nidi bɛbɔ no;+Atoro na wɔn ani gye ho.+Wɔde wɔn ano hyira, na wɔn mu de, wɔdome.+ Sela.
8 Wɔn tɛkrɛma yɛ awudi agyan.+ Nnaadaasɛm na ɛka. Onipa de n’ano kasa asomdwoe so kyerɛ ne yɔnko, nanso ɔtetɛw no wɔ ne mu.”+
18 Na nnipa a wɔte saa no nyɛ nkoa mma yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔyɛ nkoa ma wɔn ankasa yafunu;+ na wɔde tɛkrɛmadɛ+ ne adɔkɔdɔkɔsɛm+ daadaa wɔn a wɔn tirim fitaa no koma.