Exodus 14:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apuei mframa dennen bɔe anadwo no nyinaa, na epiaa nsu no kɔɔ akyi maa po no ase dan asase kesee.+ Na nsu no mu paee abien.+ Dwom 66:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wama ɛpo adan asase kesee;+Wɔde anammɔn twaa asubɔnten no.+Ɛhɔ na yedii ne mu ahurusi.+ Dwom 136:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Aseda nka nea ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ Yesaia 63:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nea ɔma wɔnantew nsubun mu te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔnam sare so nanso wɔanhintiw no wɔ he?+ 1 Korintofo 10:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Afei anuanom, mempɛ sɛ mo ani pa so sɛ na yɛn agyanom nyinaa wɔ mununkum no ase,+ na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,+
21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apuei mframa dennen bɔe anadwo no nyinaa, na epiaa nsu no kɔɔ akyi maa po no ase dan asase kesee.+ Na nsu no mu paee abien.+
10 Afei anuanom, mempɛ sɛ mo ani pa so sɛ na yɛn agyanom nyinaa wɔ mununkum no ase,+ na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,+