27 Eyi nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo+ nsa ma wohiahiaa wɔn ho.+ Na sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wosu frɛ wo,+ na wo nso wufi soro hɔ tie wɔn;+ na sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe+ te no, woma wɔn agyefo+ ma wogye wɔn fi wɔn atamfo nsam.+
9 Nanso mebɔɔ me din ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho rengu fĩ wɔ aman a wɔtete mu no anim,+ efisɛ bere a miyii wɔn fii Egypt asase so no, mema wohuu me, wɔn ani so.+