Deuteronomium 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Kae: Mma wo werɛ mmfi sɛnea wohyɛɛ Yehowa wo Nyankopɔn abufuw wɔ sare no so no.+ Efi da a mufii Egypt besi nnɛ a mowɔ ha yi, daa motew atua tia Yehowa.+ Atemmufo 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wɔfaa wɔn mmabea waree,+ na wɔde wɔn mmabea nso maa wɔn mmabarima,+ na wɔsom wɔn anyame.+ Hesekiel 20:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 “Enti onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ,+ ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Eyi mu nso mo agyanom kasa tiaa me na wɔanni me nokware.+
7 “Kae: Mma wo werɛ mmfi sɛnea wohyɛɛ Yehowa wo Nyankopɔn abufuw wɔ sare no so no.+ Efi da a mufii Egypt besi nnɛ a mowɔ ha yi, daa motew atua tia Yehowa.+
27 “Enti onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ,+ ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Eyi mu nso mo agyanom kasa tiaa me na wɔanni me nokware.+