1 Samuel 8:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na Samuel tiee ɔman no nsɛm no nyinaa, na ɔka kyerɛɛ Yehowa.+ Dwom 6:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa betie me nkotɔsrɛ;+Yehowa bebua me mpaebɔ.+ Dwom 9:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ɛnyɛ da biara na wɔrenkae ohiani,+Na ɛnyɛ da biara na ahobrɛasefo anidaso bɛyera.+ Dwom 102:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Asõ na ɔbɛyɛ atie wɔn a wɔagye wɔn ho biribiara no mpaebɔ,+Na ɔremmu wɔn mpaebɔ animtiaa.+ Mmebusɛm 15:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Abɔnefo afɔrebɔ yɛ Yehowa akyide,+ na teefo mpaebɔ na n’ani gye ho.+ 1 Petro 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na Yehowa ani+ wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+ 1 Yohane 3:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 na biribiara a yebisa no,+ yenya fi ne hɔ, efisɛ yedi n’ahyɛde so na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.+
12 Na Yehowa ani+ wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+