1 Samuel 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ehu hyɛ ahoɔdenfo a wonim agyan tow mã,+Nanso wɔn a wɔyɛ mmerɛw ahoɔden dɔɔso.+ 2 Samuel 22:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Wode ahoɔden bɛbɔ me abɔso ama ɔsa,+Na wobɛma wɔn a wɔsɔre tia me ahwe ase wɔ me nan ase.+ Dwom 18:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Nokware Nyankopɔn no na ɔde ahoɔden+ bɔ me abɔso,Na ɔbɛma me kwan ayɛ pɛ,+ Yesaia 40:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Ɔma nea wabrɛ no tumi,+ na nea onni ahoɔden+ pii no ɔma onya no mmoroso. Habakuk 3:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Awurade Tumfoɔ Yehowa ne m’ahoɔden;+ ɔbɛma me nan ayɛ sɛ ɔforote de,+ na ɔde me bɛfa beae a ɛkorɔn.+
19 Awurade Tumfoɔ Yehowa ne m’ahoɔden;+ ɔbɛma me nan ayɛ sɛ ɔforote de,+ na ɔde me bɛfa beae a ɛkorɔn.+