Genesis 15:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Eyinom akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu+ mu sɛ: “Nsuro,+ Abram. Meyɛ wo kyɛm.+ W’akatua bɛyɛ kɛse.”+ Deuteronomium 33:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Israel, ma w’ani nnye!+Hena na ɔte sɛ wo,+Ɔman a anya Yehowa nkwagye?+Ɔno ne wo kyɛm a ɔboa wo+Ne wo nkrante kɛse.+Enti w’atamfo ho bɛpopo w’anim+Na wo de, wubetiatia wɔn mmepɔw ne wɔn nkoko so.”+ 2 Samuel 22:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno na miguan metoa no,Me kyɛm+ ne me nkwagye abɛn,+ m’abantenten,+Me guankɔbea,+ me Gyefo;+ wugye me fi awudisɛm mu.+ Dwom 3:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nanso wo Yehowa, wone me kyɛm,+Wone m’anuonyam+ ne Nea ɔma me ti so.+ Dwom 84:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 O Onyankopɔn, yɛn kyɛm, hwɛ ɛ,+Hwɛ nea woasra no no anim.+ Dwom 115:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 O Israel, momfa mo ho nto Yehowa so;+Ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm.+ Dwom 119:114 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 114 Wone me hintabea ne me kyɛm.+W’asɛm so na m’ani da.+ Dwom 144:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 M’adɔe ne m’abannennen,+M’abantenten ne me Gyefo,+Me kyɛm+ ne Nea maguan akɔtoa no;+Nea ɔka nkurɔfo hyɛ m’ase no.+ Mmebusɛm 2:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɔbɛkora nyansa+ so ama treneefo; ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnantew mũdi* mu,+
15 Eyinom akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu+ mu sɛ: “Nsuro,+ Abram. Meyɛ wo kyɛm.+ W’akatua bɛyɛ kɛse.”+
29 Israel, ma w’ani nnye!+Hena na ɔte sɛ wo,+Ɔman a anya Yehowa nkwagye?+Ɔno ne wo kyɛm a ɔboa wo+Ne wo nkrante kɛse.+Enti w’atamfo ho bɛpopo w’anim+Na wo de, wubetiatia wɔn mmepɔw ne wɔn nkoko so.”+
3 Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno na miguan metoa no,Me kyɛm+ ne me nkwagye abɛn,+ m’abantenten,+Me guankɔbea,+ me Gyefo;+ wugye me fi awudisɛm mu.+
2 M’adɔe ne m’abannennen,+M’abantenten ne me Gyefo,+Me kyɛm+ ne Nea maguan akɔtoa no;+Nea ɔka nkurɔfo hyɛ m’ase no.+