Dwom 93:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Efi teteete na w’ahengua atim pintinn;+Wowɔ hɔ fi mmeresanten.+ Yesaia 40:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 So wunnim, na wontee?+ Yehowa a ɔbɔɔ asase anoano nohoa no yɛ daa Onyankopɔn.+ Ɔmmrɛ na ɔmmotow.+ Na obiara ntumi nhwehwɛ ne ntease mu nwie.+ Yesaia 45:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 “Mo a mowɔ asase no afanan nyinaa, mommra me nkyɛn na munnya nkwa;+ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.+ Yeremia 10:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefo+ ne daa Hene.+ N’abufuhyew nti, asase bɛwosow,+ na ɔman biara nni hɔ a ebegyina n’abohuru ano.+ Habakuk 1:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 O Yehowa, wunni hɔ fi tete anaa?+ Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wunwu.+ O Yehowa, wode asi hɔ ama atemmu; Ɔbotan,+ wode atim hɔ ama ntɛnyi.+ 1 Timoteo 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Na nidi ne anuonyam nka mmeresanten Hene+ a ɔmporɔw+ na wonhu no+ a ɔyɛ Onyankopɔn koro+ pɛ no daa daa.+ Amen. Adiyisɛm 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Mene Alfa ne Omega,”*+ Yehowa Nyankopɔn na ose, “Nea na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ a ɔreba,+ ade nyinaa so Tumfoɔ no.”+ Adiyisɛm 15:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+
28 So wunnim, na wontee?+ Yehowa a ɔbɔɔ asase anoano nohoa no yɛ daa Onyankopɔn.+ Ɔmmrɛ na ɔmmotow.+ Na obiara ntumi nhwehwɛ ne ntease mu nwie.+
22 “Mo a mowɔ asase no afanan nyinaa, mommra me nkyɛn na munnya nkwa;+ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.+
10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefo+ ne daa Hene.+ N’abufuhyew nti, asase bɛwosow,+ na ɔman biara nni hɔ a ebegyina n’abohuru ano.+
12 O Yehowa, wunni hɔ fi tete anaa?+ Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wunwu.+ O Yehowa, wode asi hɔ ama atemmu; Ɔbotan,+ wode atim hɔ ama ntɛnyi.+
17 Na nidi ne anuonyam nka mmeresanten Hene+ a ɔmporɔw+ na wonhu no+ a ɔyɛ Onyankopɔn koro+ pɛ no daa daa.+ Amen.
8 “Mene Alfa ne Omega,”*+ Yehowa Nyankopɔn na ose, “Nea na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ a ɔreba,+ ade nyinaa so Tumfoɔ no.”+
3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+