16 Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifo atitiriw no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo+ no mfa wɔn nnwonto nneɛma+ mmegyinagyina wɔn gyinabea na wɔmfa nto dwom den mma anigye mmra, asanku ahorow+ nyinaa bi, ne nnawuta.+
25 Saa bere no nyinaa na wama Lewifo+ no abegyinagyina Yehowa fie hɔ, na wokurakura nnawuta,+ asanku+ ne asankuten+ sɛnea Dawid+ ne ɔhene dehufo Gad+ ne odiyifo Natan+ hyɛe no, efisɛ Yehowa nam n’adiyifo no so na ɔhyɛe.+