1 Beresosɛm 16:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Wuram nnua nso, momma ne nyinaa nto ahurusi dwom Yehowa anim,+Efisɛ waba sɛ ɔrebebu asase atɛn.+ Dwom 148:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mmepɔw ne nkoko nyinaa,+Nnua a ɛsow aba ne nkyeneduru nyinaa,+ Yesaia 55:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Mode anigye bɛkɔ,+ na wɔde mo bɛba asomdwoe mu.+ Mmepɔw ne nkoko de anigye bɛbɔ ose+ wɔ mo anim na wuram nnua abɔ wɔn nsam.+ Hesekiel 34:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Na wuram nnua bɛsow aba+ na asase abɔ aduan,+ na wɔbɛtena wɔn asase so dwoodwoo.+ Sɛ mibubu wɔn kɔndua+ mu na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a,+ wobehu sɛ mene Yehowa. Hesekiel 36:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Mɛma nnua so aba ne afuw mu nnɔbae abu so, na ɔkɔm nti mo anim angu ase bio wɔ amanaman no mu.+
12 “Mode anigye bɛkɔ,+ na wɔde mo bɛba asomdwoe mu.+ Mmepɔw ne nkoko de anigye bɛbɔ ose+ wɔ mo anim na wuram nnua abɔ wɔn nsam.+
27 Na wuram nnua bɛsow aba+ na asase abɔ aduan,+ na wɔbɛtena wɔn asase so dwoodwoo.+ Sɛ mibubu wɔn kɔndua+ mu na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a,+ wobehu sɛ mene Yehowa.