Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 7:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Mma wonntu wo koma, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Onyankopɔn pumpuni a ne ho yɛ hu.+

  • Deuteronomium 28:58
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 58 “Sɛ woanni mmara a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu nyinaa so+ na woansuro Yehowa+ wo Nyankopɔn a ne din sõ+ na ɛyɛ hu+ no a,

  • Nehemia 9:32
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 32 “Afei, O yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn pumpuni,+ otumfoɔ+ a wo ho yɛ hu+ a wokora apam+ ne adɔe+ so, mma amanehunu a aba yɛne+ yɛn ahene+ ne yɛn mmapɔmma+ ne yɛn asɔfo+ ne yɛn adiyifo+ ne yɛn agyanom,+ ne wo nkoa nyinaa so fi Asiria ahene bere so besi nnɛ da yi+ nnyɛ ade ketewa w’anim.+

  • Dwom 8:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 O yɛn Awurade Yehowa, wo din yɛ kɛse dɛn ara wɔ asase nyinaa so,+

      Wo a wɔka w’anuonyam ho asɛm ma ɛtra ɔsoro!+

  • Dwom 66:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  3 Monka nkyerɛ Onyankopɔn sɛ: “Wo nnwuma yɛ hu dɛn ara!+

      W’ahoɔden dodow nti w’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo.+

  • Dwom 148:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Momma wonyi Yehowa din ayɛ,+

      Na ne din nkutoo na ɛkorɔn kyɛn so.+

      Ne nidi tra asase ne ɔsoro.+

  • Yesaia 29:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 na sɛ ohu sɛ ne mma, kyerɛ sɛ me nsa ano adwuma, atwa ne ho ahyia+ a, wɔbɛtew me din ho,+ wɔbɛtew Yakob Kronkronni no din ho,+ na wobesuro Israel Nyankopɔn.+

  • Adiyisɛm 15:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Yehowa,+ hena na ɔrensuro wo+ na ɔnhyɛ wo din anuonyam?+ Efisɛ wo nkutoo ne ɔnokwafo.+ Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo,+ efisɛ w’ahyɛde a ɛteɛ no ada adi.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena