12 Afei momma mo ani nnye wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mmabarima ne mo mmabea ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurom no, efisɛ wannya mo agyapade no bi.+
10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkodi sradeduan na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi+ nkɔma wɔn a wonsiesiee hwee mmaa wɔn, efisɛ ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron ma yɛn Awurade, enti mommma mo werɛ nnhow, na Yehowa mu anigye ne mo abannennen.”