Exodus 10:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Enti Mose teɛɛ ne poma wɔ Egypt asase so, na Yehowa maa apuei mframa+ bɔ faa asase no so da no nyinaa, awia ne anadwo. Ade kyee anɔpa no, apuei mframa no soaa mmoadabi bae. Deuteronomium 28:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 “Wode aba pii bɛhyɛ fam, nanso kakraa bi na wubetwa+ efisɛ mmoadabi bɛwe.+ Dwom 78:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Ɔde wɔn nnɔbae maa ntɛfrɛw,Na ɔde wɔn nsa ano adwuma maa mmoadabi.+
13 Enti Mose teɛɛ ne poma wɔ Egypt asase so, na Yehowa maa apuei mframa+ bɔ faa asase no so da no nyinaa, awia ne anadwo. Ade kyee anɔpa no, apuei mframa no soaa mmoadabi bae.