1 Ahene 17:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nanso nna bi akyi no, subon no mu nsu yowee,+ efisɛ na osu ntɔ asase no so. Yesaia 19:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na po mu nsu bɛyow na asubɔnten ayow adan asase kesee.+ Yesaia 42:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Mɛsɛe+ mmepɔw ne nkoko, na mɛma ɛso nhaban nyinaa ahyew. Mɛma nsubɔnten adan nsupɔw na awora ayoyow.+
15 Mɛsɛe+ mmepɔw ne nkoko, na mɛma ɛso nhaban nyinaa ahyew. Mɛma nsubɔnten adan nsupɔw na awora ayoyow.+