1 Beresosɛm 16:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Asase so aman nyinaa, ne nti momma mo yam nhyehye mo!Asase nso atim pintinn,Na ɛrenhim da.+ Hiob 9:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔma asase wosow fi ne sibea,Na ne nnyinaso+ hinhim. Dwom 77:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 W’aprannaa mmobom te sɛ teaseɛnam nan;+Anyinam hyerɛn wiase;+Asase hinhim na ɛwosow.+ Dwom 97:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 N’anyinam hyerɛnee wiase;+Asase hui, na ɛpopoe.+