29 Na sɛ onipa sɔre tiw wo na ɔhwehwɛ wo kra a, Yehowa wo Nyankopɔn+ bɛkyekyere me wura kra wɔ nkwa bɔtɔwa+ mu, ne nkyɛn; nanso w’atamfo kra de, ɔbɛtow no sɛ ade a efi ataabo+ mu.
8 Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Bere a wɔhyɛɛ no anuonyam wiei no,+ ɔsomaa me kɔɔ amanaman a wɔfow mo no nkyɛn.+ Na nea ɔde ne nsa ka mo no,+ ɔde ne nsa aka m’aniwa kesua.+
9 eyinom nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu+ na wakora wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ no so ama atemmu da ma wɔatwa wɔn afi hɔ,+