Dwom 19:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika, ɛsen sika amapa mpo;+Ɛyɛ dɛ sen ɛwo+ ne ɛwo a ɛsosɔ fi ɛwokyɛm+ mu. Dwom 119:127 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 127 Enti na madɔ wo mmara nsɛm+Asen sika, sika amapa mpo.+ Mmebusɛm 3:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɛsom bo sen mmota,+ na afɛfɛde foforo biara a wowɔ ne no nsɛ. Mmebusɛm 8:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ, ne nimdeɛ, na ɛnyɛ sika amapa.+