Dwom 19:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika, ɛsen sika amapa mpo;+Ɛyɛ dɛ sen ɛwo+ ne ɛwo a ɛsosɔ fi ɛwokyɛm+ mu. Dwom 119:72 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 72 W’anom mmara+ ye ma me,+Eye sen sika ne dwetɛ mpempem.+ Mmebusɛm 3:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 efisɛ ɛyɛ ahonyade sen dwetɛ, na n’aba sen sika.+ Mmebusɛm 8:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Efisɛ nyansa ye sen mmota,+ na afɛfɛde foforo biara ne no nsɛ.+ Mmebusɛm 16:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nyansa nya de, O hwɛ sɛnea eye sen sika!+ Na ntease, sɛ wɔpaw a, eye sen dwetɛ.+