36 ɛnde wo ara fi ɔsoro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn efisɛ wo na wokyerɛkyerɛ+ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa so;+ ma osu ntɔ+ w’asase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapade no so.
20 Na Yehowa de ahohia bɛyɛ aduan ama wo na ɔde nhyɛso ayɛ nsu ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no renhintaw bio, na wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.+
27 Na mo de, ɔsra+ a munya fii ne hɔ no te mo mu, na enhia sɛ obi kyerɛkyerɛ mo;+ mmom sɛnea ɔsra a munya fii ne hɔ no kyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa+ na ɛyɛ nokware+ na ɛnyɛ atoro no, sɛnea ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, mo ne nea ɔsraa mo no nyɛ biako.+