2 Samuel 6:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na Dawid suroo Yehowa+ saa da no, na ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa adaka no aba me nkyɛn?”+ Dwom 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Momfa osuro+ nsom Yehowa,Na momfa ahopopo nni ahurusi.+ Habakuk 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Metee no, me yam hyehyee me, na nnyigyei no maa m’ano popoe; me nnompe mu hodwowee,+ na me ho wosowee. Na meyɛɛ dinn twɛn ahohia+ da a ɔbɛba abɛtow ahyɛ ɔman no so no.+
16 Metee no, me yam hyehyee me, na nnyigyei no maa m’ano popoe; me nnompe mu hodwowee,+ na me ho wosowee. Na meyɛɛ dinn twɛn ahohia+ da a ɔbɛba abɛtow ahyɛ ɔman no so no.+