Exodus 23:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Afe biara ɔbarima biara bɛba abegyina Awurade Yehowa, nokware Nyankopɔn no, anim mprɛnsa.+ Dwom 78:68 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 68 Yuda abusuakuw na ɔpawee,+Bepɔw Sion a ɔdɔ no no.+ Yesaia 2:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, Yakob Nyankopɔn fie, na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara befi aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+
3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, Yakob Nyankopɔn fie, na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara befi aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+