7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+ na omumɔyɛfo nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde befiri no aboro so.+
18 O me Nyankopɔn, yɛ aso tie.+ Bue w’aniwa na hwɛ yɛn amamfoyɛ ne kurow a wo din da so no.+ Ɛnyɛ yɛn trenee nnwuma nti na yɛde yɛn nkotɔsrɛ aba w’anim yi,+ na mmom wo mmɔborɔhunu+ bebrebe no ntia.
5 a ennyina trenee nnwuma+ a yɛyɛe so+ na mmom egyina ne mmɔborɔhunu so+ no, ɔnam aguare+ a ɛde yɛn baa nkwa+ mu ne honhom kronkron+ a ɛyɛɛ yɛn foforo no so gyee yɛn nkwa.
2 Ɛne sɛ yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.+ Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a,+ ɛkyerɛ sɛ saa onipa no yɛ pɛ+ a otumi to ne nipadua mũ no nyinaa nso nnareka.