2 Beresosɛm 6:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo+ (efisɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne),+ na sɛ wo bo fuw wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no de wɔn kɔ nkoasom mu, asase a ɛwɔ akyirikyiri anaa nea ɛbɛn so,+ Hiob 9:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Ampa ara minim sɛ saa na ɛte.Ɛbɛyɛ dɛn na onipa desani atumi ne Onyankopɔn adi asɛm adi bem?+ Dwom 51:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Hwɛ! Amumɔyɛ mu na wɔwoo me,+Na bɔne mu na me maame nyinsɛn me.+ Dwom 130:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a,+O Yehowa, anka hena na obegyina?+ Ɔsɛnkafo 7:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɔtreneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.+ Romafo 3:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ɔtreneeni biara nni hɔ, obiako mpo nni hɔ;+ 1 Yohane 1:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Sɛ yɛka sɛ: “Yɛnyɛɛ bɔne” a, na yɛrema wadan ɔtorofo, na n’asɛm nni yɛn mu.+
36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo+ (efisɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne),+ na sɛ wo bo fuw wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no de wɔn kɔ nkoasom mu, asase a ɛwɔ akyirikyiri anaa nea ɛbɛn so,+