Genesis 49:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 O Yehowa, mehwɛ wo nkwagye kwan.+ Dwom 27:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Fa w’ani to Yehowa so;+ nya akokoduru na ma wo bo nyɛ duru.+Yehowa so na fa w’ani to.+ Dwom 33:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Yɛn kra ani da Yehowa so.+Ɔno ne yɛn boafo ne yɛn kyɛm.+ Dwom 40:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Ɔtwɛn na metwɛn Yehowa,+Enti ɔyɛɛ aso maa me, na otiee me sufrɛ.+ Yesaia 8:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Mɛtwɛn Yehowa+ a ɔde n’anim ahintaw Yakob fie no,+ na mede m’ani bɛto no so.+ Yesaia 26:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 O Yehowa, yɛn ani da wo so+ sɛ yebehu w’atemmu kwan. Yɛn kra ani agyina+ wo din ne wo nkae.+ Luka 2:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Hwɛ! na ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon, ɔyɛ onipa trenee a nyamesuro wɔ ne mu a ɔretwɛn Israel awerɛkyekye,+ na honhom kronkron wɔ no so.
25 Hwɛ! na ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon, ɔyɛ onipa trenee a nyamesuro wɔ ne mu a ɔretwɛn Israel awerɛkyekye,+ na honhom kronkron wɔ no so.