20 Ɔnyɛ saa na ne koma anhoman ansen ne nuanom+ na wamman amfi ahyɛde yi ho ankɔ nifa anaa benkum,+ na ama ne nna aware n’ahenni mu+ wɔ Israel, ɔne ne mma nyinaa.
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+