Dwom 106:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 106 Munyi Yah ayɛ!+Monna Yehowa ase, efisɛ oye,+Na n’adɔe wɔ hɔ daa.+ Dwom 119:68 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 68 Wuye na woyɛ adepa.+Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.+ Mateo 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Obiako na ɔyɛ papa.+ Na mmom sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, kɔ so ara di mmara no so.”+
17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Obiako na ɔyɛ papa.+ Na mmom sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, kɔ so ara di mmara no so.”+