Exodus 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+ 1 Samuel 2:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa ma onipa di hia,+ na ɔno na ɔma onipa di yiye,+Ɔno na ɔbrɛ onipa ase, na ɔno na ɔma onipa so.+ Dwom 72:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nhyira nka Yehowa Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn;+Nea ne nko yɛ anwonwadwuma no.+ Dwom 86:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade;+Wone Onyankopɔn, na obiara nka wo ho bio.+ Daniel 4:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Na asase sotefo nyinaa nsɛ hwee,+ na ɔyɛ nea ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asase sotefo mu.+ Obiara nni hɔ a obetumi abɔ ne nsa akyene+ anaa obetumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’+ Adiyisɛm 15:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+
11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+
7 Yehowa ma onipa di hia,+ na ɔno na ɔma onipa di yiye,+Ɔno na ɔbrɛ onipa ase, na ɔno na ɔma onipa so.+
35 Na asase sotefo nyinaa nsɛ hwee,+ na ɔyɛ nea ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asase sotefo mu.+ Obiara nni hɔ a obetumi abɔ ne nsa akyene+ anaa obetumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’+
3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+