Hiob 40:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Hwie w’abufuw a ɛboro so no,+Na hwehwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase. Yesaia 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔdesani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomaso aba fam.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+ Yesaia 57:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ nea ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm ni: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte,+ sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.+ Yakobo 4:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefo.”+
11 Ɔdesani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomaso aba fam.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+
15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ nea ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm ni: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte,+ sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.+
6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefo.”+