2 Beresosɛm 19:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛnna ɔdehufo+ Hanani+ ba Yehu+ baa Ɔhene Yehosafat anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nnebɔneyɛfo na woboa wɔn,+ na wɔn a wɔtan+ Yehowa na ɛsɛ sɛ wodɔ+ wɔn anaa? Nea woayɛ yi nti, Yehowa abufuw+ wɔ wo so. Dwom 21:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa;+Wo nsa nifa na ebeso wɔn a wɔtan wo no mu. Dwom 81:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wɔn a wokyi Yehowa no bɛbrɛ wɔn ho ase ama no,+Na wɔn bere rentwam da. 2 Korintofo 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.+ Na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+
2 Ɛnna ɔdehufo+ Hanani+ ba Yehu+ baa Ɔhene Yehosafat anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nnebɔneyɛfo na woboa wɔn,+ na wɔn a wɔtan+ Yehowa na ɛsɛ sɛ wodɔ+ wɔn anaa? Nea woayɛ yi nti, Yehowa abufuw+ wɔ wo so.
14 Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.+ Na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+