Genesis 18:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wubekum ɔtreneeni aka ɔbɔnefo ho ama awie ɔtreneeni sɛ ɔbɔnefo!+ Worentumi nyɛ saa da.+ So asase nyinaa temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?”+ Deuteronomium 32:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+ Romafo 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso sɛ teɛ a yɛnteɛ ma Onyankopɔn trenee+ da adi a, dɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn yi n’abufuw adi a, ɛkyerɛ sɛ ɔnteɛ+ anaa? (Mekasa te sɛ onipa.+) Adiyisɛm 15:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+ Adiyisɛm 16:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na metee sɛ nsu so bɔfo no reka sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ Ɔnokwafo,+ woteɛ, esiane atɛn a woabu yi nti,+
25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wubekum ɔtreneeni aka ɔbɔnefo ho ama awie ɔtreneeni sɛ ɔbɔnefo!+ Worentumi nyɛ saa da.+ So asase nyinaa temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?”+
4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+
5 Nanso sɛ teɛ a yɛnteɛ ma Onyankopɔn trenee+ da adi a, dɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn yi n’abufuw adi a, ɛkyerɛ sɛ ɔnteɛ+ anaa? (Mekasa te sɛ onipa.+)
3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+
5 Na metee sɛ nsu so bɔfo no reka sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ Ɔnokwafo,+ woteɛ, esiane atɛn a woabu yi nti,+