Dwom 37:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Na Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+Obeyi wɔn afi nnebɔneyɛfo nsam, na wagye wɔn,+Efisɛ wɔaguan atoa no.+ Dwom 50:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Frɛ me ahohia da.+Na megye wo na woahyɛ me anuonyam.”+ Dwom 91:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɔbɛfrɛ me, na me nso megye no so.+Megyina n’akyi ahohia da.+Megye no na mahyɛ no anuonyam.+
40 Na Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+Obeyi wɔn afi nnebɔneyɛfo nsam, na wagye wɔn,+Efisɛ wɔaguan atoa no.+