Hiob 19:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Me de, minim sɛ me gyefo+ te ase,Na mekɔ a, ɔbɛsɔre agyina+ dɔte so. Mmebusɛm 23:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wɔn Gyefo no ho yɛ den; ɔno na ɔne wo bedi ama wɔn.+ Yesaia 43:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Yehowa, mo Gyefo,+ Israel Kronkronni+ no asɛm ni: “Mo nti mɛsoma akɔ Babilon akobubu nneduaban akyi adaban+ na madwerɛw Kaldeafo a wɔte hyɛn mu no ma wɔasu abɔ abubuw.+ Yesaia 44:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 “Nea Yehowa aka ni, Israel Hene+ ne ne Gyefo,+ Asafo Yehowa asɛm ni: ‘Mene odikanfo ne okyikafo,+ na m’akyi no Onyankopɔn biara nni hɔ.+
14 Yehowa, mo Gyefo,+ Israel Kronkronni+ no asɛm ni: “Mo nti mɛsoma akɔ Babilon akobubu nneduaban akyi adaban+ na madwerɛw Kaldeafo a wɔte hyɛn mu no ma wɔasu abɔ abubuw.+
6 “Nea Yehowa aka ni, Israel Hene+ ne ne Gyefo,+ Asafo Yehowa asɛm ni: ‘Mene odikanfo ne okyikafo,+ na m’akyi no Onyankopɔn biara nni hɔ.+