2 Samuel 22:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Yehowa tua me ka sɛnea me trenee te;+Sɛnea me nsa ho tew na otua me ka.+ Dwom 37:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa;+Tena asase so na di nokware.+ Yesaia 33:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “Nea ɔnam trenee kwan so+ daa a ɔka nea ɛteɛ,+ nea okyi apoobɔ sika,+ nea ɔtwe ne nsa na anso adanmude mu,+ nea osiw n’aso na ante mogyahwiegu, nea ɔkata n’ani na anhu bɔne.+ Mateo 5:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew,+ efisɛ wobehu Onyankopɔn.+
15 “Nea ɔnam trenee kwan so+ daa a ɔka nea ɛteɛ,+ nea okyi apoobɔ sika,+ nea ɔtwe ne nsa na anso adanmude mu,+ nea osiw n’aso na ante mogyahwiegu, nea ɔkata n’ani na anhu bɔne.+