Dwom 92:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na wɔaka sɛ Yehowa teɛ.+Ɔno ne me Botan,+ na nea ɛnteɛ biara nni no mu.+ Dwom 119:68 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 68 Wuye na woyɛ adepa.+Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.+ Dwom 145:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa ye ma nnipa nyinaa+Na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.+ Nahum 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa ye,+ na ɔyɛ abannennen+ wɔ ahohia bere mu.+ Na onim wɔn a woguan toa no.+ Sakaria 9:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Hwɛ sɛnea ne papayɛ sõ fa,+ na hwɛ sɛnea ne ho yɛ fɛ fa!+ Aduan bɛma mmerante ayɛ frɔmfrɔm na nsã foforo ama mmaabun ho ayɛ fɛ.”+ Asomafo Nnwuma 14:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 nanso nokwarem no, wannyae ne ho adansedi efisɛ ɔyɛɛ papa,+ maa mo osu+ fii soro ne mmere a aduan ba, na ɔde aduan ne abotɔyam hyɛɛ mo koma mã.”+
17 Hwɛ sɛnea ne papayɛ sõ fa,+ na hwɛ sɛnea ne ho yɛ fɛ fa!+ Aduan bɛma mmerante ayɛ frɔmfrɔm na nsã foforo ama mmaabun ho ayɛ fɛ.”+
17 nanso nokwarem no, wannyae ne ho adansedi efisɛ ɔyɛɛ papa,+ maa mo osu+ fii soro ne mmere a aduan ba, na ɔde aduan ne abotɔyam hyɛɛ mo koma mã.”+