Dwom 6:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mahodwow.+O Yehowa, sa me yare+ na me nnompe mu agow. Dwom 22:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Wɔahwie me agu sɛ nsu,+Na me nnompe nyinaa ahunhuan.+Me koma ayɛ sɛ srade;+Anan wɔ me mu tɔnn.+