Genesis 49:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 O Yehowa, mehwɛ wo nkwagye kwan.+ Dwom 62:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 62 Onyankopɔn na me kra ayɛ komm retwɛn no.+Ne hɔ na me nkwagye fi.+ Dwom 71:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Na me de, mɛtwɛn daa;+Mede bi bɛka w’ayeyi nyinaa ho. Kwadwom 3:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Eyi na mɛsan de ahyɛ me komam.+ Ɛno nti na mede ntoboase bɛtwɛn.+ Mika 7:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nanso me de, Yehowa ara na mehwɛ no.+ Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn betie me.+ Tito 2:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 bere a yɛtwɛn anidaso+ a ɛyɛ anigye ne Onyankopɔn kɛse no ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a wobeyi wɔn ho adi anuonyam+ mu no;
7 Nanso me de, Yehowa ara na mehwɛ no.+ Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn betie me.+
13 bere a yɛtwɛn anidaso+ a ɛyɛ anigye ne Onyankopɔn kɛse no ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a wobeyi wɔn ho adi anuonyam+ mu no;